Kae Kwabena from Onipa Akoma by Pure Akan
Tracklist
15. | Kae Kwabena | 4:58 |
Lyrics
Metehɔ yi menyɛ tenenee nii na menyɛ han bɔfoɔ
Menhu sro da na menhu neɛ ɛeine wiaise
Manamon tuo nyinaa ho nte daa na makwan nyinaa nyɛ tee da
Me mpaebo nyinaa ne sɛ neɛ ɔhata sro yi bɛhu me mɔbɔ
Ɔnhwɛ me anamontuo ne me bɔne hon nfa nbua me fɔ
Na mesi mebu hon nkonta menkwa nda yi neɛ mayɛ a mengye ndi sɛ
Ohwim da no drusoa Kwabena mekra bɛkɔ
Neɛ ɛnteɛ ne neɛ ɛnsɛ a meyɛ no sum ase
Neɛ mede me nipa dua yi mayɛ magu makoma ho fi
Homan ani akɔnɔdeɛ mesi emu ahodoɔ
Metwa mani kɔ hwɛ neɛ sika nti mede me kra atwa soɔ
Asaase so anigye
Asaase so anigye a ɛnfa nipa nkosi hwee na mede me merɛ ne makoma ahwehwɛ
Nanso ɛnɛ mahoɔden te gu fɛm a mɛsu me mu
Frisɛ bebree a mapri manya no ɛnyɛ no na makoma pɛ
Mesi me hyɛ meho so a na mate asen
Metwe meho a ɛntwe bɔne adidi memu madane bɔne akoa
Nanso obi nnom aduro ma yaafoɔ enodeɛ nokrɛ
Nti mɛbɔ moden na agya no ba a mankɔyɛ oyeraba
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena kae kwabena
Mese edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena oo yɛ kae kwabena
Mesi edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Adei yi yawo me ato bɔne mu
Mon hwɛ sɛ Adam adi ne bɔne na metua ho ka
Naso ɛno nkyrɛ sɛ menso mɛbo ɔwɔ bosia na me ananawa ba a wasam nfenfre ɛde atuaka
Neɛ mayɛ neɛ nipa bɛyɛ nanso ne nyinaa akye no
Womrɛso na wotwa wani a wakye tesɛn ɛdeɛn na wo ayɛ a wokɔ a yɛdi bɛkae wo
Mɛniso adehun nyinaa nesɛ mɛdane ɔkandifoɔ
Mɛbɔ mebra yie ato makwan amamofra adiso
Na mepɔn kɔ fie a matumi mada yie
Na akyire mma basoa watia me anamon mu amawodeɛ akɔso
Mɛtumi akasa tumii agu obi mu
Mɛtumi akasa ama neɛ ne mpɔ mu ago atumi asɔre ɛwo gyidie mu
Mɛfa me dwom yi so makyin amanso
Makyerɛ nipa akyɛdeɛ kɛseɛ ɛda yɛmu ɛne emu nfasoɔ
Mɛkyɛ me nimdeɛ kakra manya ɛwɔ ɔdɔ ne nteaseɛ mu
Ɛkose sɛ ebɛdru neɛ ɔkɔ ne neɛ ɔhyɛ yɛfunu mu nso
Mɛbue neɛ otie me ani wɔ ɛyaw ne ehu mu
Ma wagye wonho adi ma wa twe wɔnho afri ɛyaw ne ehu mu
Nanso neɛ otwa kwan nnim sɛ nakyi akyea
Makɔyɛ nipa yi deɛ meho bɛtɔ kyima kakra mesrɛ meka
Afee nso dɔm ani sa neɛ neɛ ɔso takra kyɛ
Meko metɔ a ɛyɛ a na wo ate maseɛ na emom mɛyɛ mafamu deɛ
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena kae kwabena
Mese edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena oo yɛ kae kwabena
Mesi edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Neɛ mehoroso nyinaa ne sɛ
Madi makoma akyi ate kokoniwa ama bɛsi nnɛ a menewo kasa yi
Medaso ara mea mekro
Saa asɛm wei yɛ me ahintasɛm a menbɔɔso nkyerɛɛ obiaa
Ɛyɛ ɛyaw bia menpɛsɛ neɛ odi mankyi anaa neɛ ɔhwɛ me bɛfamu
Ɛno nti na makyekyɛ meho na me mrɛ a aka da manim yi
Ɛbɛtumi ayɛ niso adeahu ama woa wore tie me
Nanka ɛbɛyɛ medɛ sɛ mente nsɛn da nanso makɔyɛ nipa yi deɛ me nya no tɔɔtee
Na woyɛ papa a na ɛnkyerɛ sɛ wonyɛɛ bɔne da ɛna sɛ wodi bɔnee sosoa
Na ɛnkyrɛ sɛ woyɛ papa a ɛnyɛ yie
Na emom mesrɛ ahoɔdin ɛne akokoduro ɛne nimdeɛ
Na kakra a menso mɛtumi no mayɛ mafamu deɛ ɛdi aboa
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena kae kwabena
Mese edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena oo yɛ kae kwabena
Mesi edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena kae kwabena
Mese edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Nti edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a yɛ a kae Kwabena oo yɛ kae kwabena
Mesi edru anadwofa na wobɔ mpayɛ akɔda a na wo a kae Kwabena na wo a kae Kwabena
Yɛa kae Kwabena kae Kwabena
Mesi kae Kwabena o yɛa kae Kwabena
Kae Kwabena yɛa kae Kwabena
Nawo a kae Kwabena nawo a kae Kwabena
Yɛ nyinaa baa ewiase adagya nti bribi mpo na yɛbɛ pri a nka ɛnyɛ abɔsotam ɛɛ
Yoo yate
Credits
Written & Performed by Bernard Nana Appiah
Produced by Michael Twistedwavex Dzitrinu
Additional Vocals by Ruth Fagla
Recorded & Mixed at Cosdo Studios - Fagla Road, Madina - Accra, Ghan