🔗 ⚙️

Ɔdaamanii Abisadeɛ from Onipa Akoma by Pure Akan

Tracklist
1.Ɔdaamanii Abisadeɛ4:22
Lyrics

Yɛ nyinaa baa wiase adagya
Nti bribi mpo na yɛbɛ pri a nka
Ɛnyɛ abosotam ɛ
Yoo yate

Ɛnti wadidi amin na kɔm de wo kra yi
Saa asɛm wei menua baa menua bɛma
Wagwene hon pɛn
Hmm asɛm

Wɔkasɛ danodrua atenbuo no bɛfri na asɔrefie
Wɔkyrɛ sɛ wo gyidie ne sɛn
Wɔnka sɛ wosom ne sɛn
Yoo yate

Ɛnti owuo ne bɔne akatua
Adɛn na obonifoɔ bɛwu ama oteninii nii nso
Awu frɛw ama nadɔfo nyinaa ate nisuo
Hmmm asɛm

Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ
Ɔbɔɔ nipa na ɔbɔɔ nipa sɛ ne sɛsoɔ
Ɔde no yɛɛ ti na ɔhyɛ no sɛ
Adeɛ nyinara ɔnoara na ɛnhwɛ soɔ
Ɔmaa nipa tumii bebree
Ɔmaa no nnimdeɛ
Na ɔkyɛɛ no adwene mu nyansa
Ɔse ɛmoa doma nyinaa bɛ koto wo
Na wode gyidie yɛ ose a ɛmepɔ bɛ tutu akɔ gu po mu
Wo wɔ adeɛ nyinaa hon kwan ɛnti onipa e wakoma so adeɛ ni sɛn

Menka deɛn

Ka nokrɛ

Mepɛ nkwa tintin ade nkyene ma nkyene atin mese ase
Na menya akoma yadeɛ wu a mehon dɔm tsoo ma yie ase
Mepɛ nipa nyinaa anim dɔ neɛ ɔbɛ dɔ me akoma mu ndɔ
Sansɛ bibinii adwen ne nehonam ani akoyɛ krɔ nti
Mepɛ honam fitaa afra na obiara ahu sɛ ma dwene hon ti
Mepɛ nwoma mu nimdeɛ a ɛdɔ na matumi de abɔ apoo
Me ndidi nkrɔfoɔ brɛ hon saa menyɛ nfa nkyekre mia me kro
Mepɛ nkoa ne mmaawa me nya apaafoɔ nsoa mepɛ
Mepɛ anemuonyam honampa di agyegye mmaa mabu wɔn kwasia
Me mpaso agrɔ nsɔ ani tewani ɛ hwɛsɛ wakanano na wate ada
Akɔnɔ bɔne akoa mepɛ sɛ me som ma ɛto memma
Me hon mmaa dodoɔ yɛ kan a ɛnsen npɔɔtri nkokɔ mma
Ɛnti mɛ hia sisie a ɛmu sɔ na ma tumi ne wɔnyinaa afro mpa
Na sɛ wonya wofa yɛ funu a makasɛ ɛnyɛ mene agya
Mesi mɛhia brɛboɔ a ɛniti na matumi medi awe nsa
Na afee medua ɛbɔ manim nyɛ dru sɛ

Ka ne nyinaa

Mesi medua ɛbɔ manim nyɛ dru sɛ ɔbaatan akwansodeɛ
Afee mehon tan nyɛ kakraabi sɛ ohia nii atosodeɛ
Mepɛ ahoɔden di asisi mɔbrɔwa agye ni nsɛm adi
Me patapaa mɛyɛ medi nsɛm bɔnee mafa me hon madi
Mepɛ sika madi na ɛyɛ a madi mabusuaso ama won adi me nanse saa wɔ bɛdidia agye madi amano aka na wanya bi adi
Mekyrɛ mo ɔdaamanii abisadeɛ mo se ɛyɛ wiase afɛfɛdeɛ ne ahuhudeɛ ɛdeɛn mo nkyrɛ ma me nsen
Menpɛ daa nkwa
Menpɛ sɛ meda a mɛ daa kwa
Ɛnti medin aka mmaa no ama wɔn kunu nom daa kwa
Mepɛsɛ obiaa ka sɛ ɛba no manso dia mɛgye mafa
Na ama medin aka asaase so na mewua na asɛm asa
Metee sɛ nyame bɛba nyɛnɛ ɔbɛba ɔnyɛ nbra ɛ
Mese me bɛɛma gyina soa ɛɛnyɛ mmrɛ ɛbɛtɔ a ɛnkyɛ sɛ nyame mbaayɛ
Na mehon nsua sane a ɛnwo mma fɛfɛ na ma mmaa yi apre wonhon
Nasɛ memrɛ son na me kɔ wɔ de won abɔ me nkayɛ

Anigye nkoaa
Obiaa anigye
Nipa nyinaa
Mpanii mofra ɛmaa ni mɛɛma
Obiaa aniagye

Kwabena nya ntoboaseɛ na yɛwɔ adeɛ nyinaa hon kwan
Nso nyɛ adeɛ nyinaa na ɛfata
Kwabena nya ntoboaseɛ na yɛwɔ adeɛ nyinaa hon kwan
Nso nyɛ adeɛ nyinaa na ɛfata
Kwabena nya ntoboaseɛ na yɛwɔ adeɛ nyinaa hon kwan
Nso nyɛ adeɛ nyinaa na ɛfata
Kwabena nya ntoboaseɛ
Nya ntoboaseɛ

Ɛnti mo mame brɔdeɛ fufuo
Ne krobonko nkwan a yɛde akwaabi ayɛ
Me nyaa mankani fufuo ne abunubunu nsosoa nka medi
Mepɛ nwa mepɛ kɔtɔ na mesan nso pɛ mre
Anaa apim ampesie asonsɔn ne kantɔɔse abomuu a yɛdi
Nwo kakra apete so
Mon fufutɔ na monfa cocoa nkruma ntwi mu
Mowia monfa kosua mienu ntimtim so
Momame fufukisa ne abɛnkwan a ɛmu api
Na mowia moamame nhyira nsuo na me didi wie a
Mede ahohro mensa

Ahaa Ahaa

Tɔdabia me gwene me gwene paa yɛ nokrɛ megwene
Metumi gwene saa ma agwenegwene kraa tumi ha magwene
Afee na ɛyɛ mesɛɛ ma hyri ma gwin nti mengyai gwene
Na mangyai na daa me gwene a k mɛsɛe magwene
Magwene gwen nyinaa ne sɛ magwene gwen nyinaa ne sɛ
Magwene gwen yi
Sɛ mangyae magwene gwen yi a magwene yi bɛka magwene
Sɛ mangwene angyae gwen a magwene gwen yi bɛyɛ medagwene
Nti mebɛka medagwene obiara ntie na afee monkyerɛ moagwene

Credits
from Onipa Akoma, released October 22, 2017
Written & Performed by Bernard Nana Appiah
Produced by Twistedwavex
Additional Vocals by Ruth Fagla, Ayat Maqwam & Daniel Ameyebor
Recorded & Mixed at Cosdo Studios - Fagla Road, Madina - Accra, Ghan
LicenseAll rights reserved.
Tags
Recommendations