🔗 ⚙️

Awufo Som from Onipa Akoma by Pure Akan

Tracklist
13.Awufo Som7:49
Lyrics

Ewiemu ayɛ diin nanso nsɛm nam wiemu
Osekunii ate nsɛm na konkonsanii nso nam afie mu
Yɛse nframa bɔne abɔ ma adanso apa ma mrɔdeɛ nyinaa abubu
Nkoko ntakra ahyete apansam na enua nhini nyinaa na ɛda hɔ yi
Yɛtete huhu huhu huhu nanso hwan na ɛbɛbɔ amaneɛ yi a
Hwan na atwe neti a asɛ oso asɛm bɔnii yi hm hm hm ɛnɛ deɛ yante asɛm pa
Asɛm wei te akoma asɛm yi de kaba na asɛm wei sɛi fie

Yiee bɛma katakyie wona wo nie oo
Ah ah ah kwamoa wuo di dɔm bɛko
Ahhh anya aba yideɛ na aba

Awrɛho sɛm a yateɛ nesɛ agya sei daayɛ a wansɔre
Na ɔyri a one no teɛ bɛbɔɔ amaneɛ sɛ
Ɛnora anadwo na nehon nfano nanso na ɔnyare
Na ɛkyre no ɔde no kɔɔ ayaresabea esanesɛn na ɔso ɛni a ɛnsɔ
Na akokɔ bɔnyɛ yi'a na adɔketafoɔ de to na nim sɛ wanya ayɛ nyame dea

Ahh anya abayideɛ na aba ɛno nti yɛbɛ tu bɔfoɔ ma ɔde nsa akɔse mpaninfoɔ ayie
Na mpaninfoɔ hyia ne nawɔtwe soa yayɛ ayie hon nhyehyɛ na yɛde neɛ ɛsɛ ato neɛ ɛda

Mpaninfoɔ ahyia ma abusuafoɔ atenase yɛma ɔyere a wodi kuna yaakɔ na abusua nyinaa nso hyɛden
Mpaninfoɔ aka wote abomu agyeatumu sɛ bosomin a ɛda yanim yi ne nafua meɛnsasoɔ
Na yɛde bɛyɛ ayie adeɛ yi efunu biaa nehɔa ekyire asaase
Abusapanin kɔso kyrɛ sɛ wɔgye wondehyeɛ na wayɛ no awie sɛeneɛ ɛteɛ wɔ
abusua nhyehyɛ mu
Na ɛma nsosɛ wogye wɔnagya na wɔnso agya no kwan ate wɔnagya anim

Wɔbɛfa motuary ka na wafa adaka na ayie hon ntotoyɛ nyinaa nso wasɔmu
Abusua sɛ wagyeatum apɛ bia wɔbɛdida amun no asri pɛ
Na n'adekyeyɛ so no wakɔpɛ ne krabea ɛwɔ amansan asieɛ
Bosomee atwamu ma nda'a ɛdasoɔ no nso aso ɛma ɛyɛ ahoboa anadwo yi wɔn agya dafɛm
Abusuafoɔ nso ɛyɛ wɔnafamudeɛ na wanim anguase
Esum yɛ adru na sɛneɛ wahyɛhyɛ no no ɛmma atu kɔfa wagya abafie
Agya ba oo agya ba oo agya ba oo agya abɛdru
Abusuapanin agu nsa afrɛ efie nsamanfoɔ asrɛ kwan ma yɛde amun no awura fie
Ɛma bɛdware wagya ma yɛde nkente ne ahodeɛ asiesie no ato mpamu
Abusuafoɔ atwaneho ahyia neno akasa na afee ɛkwan dahɔ sɛ obiaa bɛhwɛ amun no
Apɛsre noaa na yɛgusoɔ no yɛbɔ ayiease dwon de asu yagya
Wɔn a wɔtwa won nanase twa na wɔn a wakae wonadɔfo a atɔ nsoso te nesuo
Okunafoɔ bu nane a enbu obiara nane bɛbɔ neso no na ɔnonso atua su mu bi
Esu dodoɔ no nti okonafoɔ maneti so biara a ɛnyɛ yie
Na wasore na watenase na wasore na watenase na wɔde nensa agu nebo
Na wawoso neho na wawoso neho na wateamu ahh

Agya ee Agya ee wogya yɛnsɛn nie oo Agya ee papa e wonma ayɛ mɔbɔɔ
Agya ee Agya ee Agya ee Agya ee wogya yɛnsɛn nie oo Agya ee papa e wonma ayɛ mɔbɔɔ

Yasiri pɛ ma adeɛ akye wɛɛ na adeɛ akye yi deɛ na ɛsɛsɛ yɛkɔpɛ amun no krabea
Na ansana ɛno bɛba soɔ no yɛbɛ hia ɔsɔfopɔn bi manoagyina mu ma ɔde okra no ahye ɔbɔadeɛ nsa
Nanso Agya Sɛe teaseɛ no na ɔndɔm asorekuo biaa
Ɛno nti abusuapanin bɛgyinamu

Agoo abusua se owuo atwedeɛ wɔ hɔ yi baako nfro ɛnɛna me dehyeɛ dafɛm a
Ɔkyene bi ɛbɛtumi ayɛ me anaa wonso wodehyeɛ ɛno nti wootu anamon a yɛ na wayɛ ahwɛyie
Ɛsansɛ nipa wɔ baabi kɔ na ɛdan nipa sɛ ɔbɛwu na owuo akyi no atenbuo wɔhɔ
Yɛ dehyeɛ na ɛda hɔ yi akanensa agu nebo yi
Asi ɔte nani a ɛnte ɛnɛ wakɔdi asamando obinim bɛbia ɔnam obinim bɛbia ɔɔkɔ
Menua wotie me e owuo dahɔ ma yɛn nyinaa nasɛ wonim owuo nsosoa ɛyɛ a nahwɛ ɛnda

Abusua ano asi ma akasɛ yɛde amun no bɛkɔ asieye
Na Agya Sei tease no na obiaa nim sɛ ɔka ne mpaboa so yie paa
Ɛno nti ne namfofoɔ oni wɔn we bɔmu bɛte gyina sɛ wɔn'a na wɔbɛ soa adaka no
Na wei anyɛ abusua dɛ ma ɛdi basabasa yɛ sii ayie no ase
Na wo bɛhwɛ ɛmarima a abro ayɛ tentan na wɔse wɔbɛ soa adaka a na ɛyɛ anika yie paa

Nanso abusua tuu marima ma wɔtam adaka no sii wɔn abati
Papa di anim absua ne adofoɔ nso diso wonyinaa de awrɛhoɔ ne nisuo kɔgyaa ne kwan

Bɛ hwɛ sɛ adɔfo ti nesuo ɛtwa gyaadwoɔ ama nesuo abu wɔkɔn

Saa abrɛ yi deɛ obiara de ahwrɛhoɔ bɔ bena won'a koodwan bobɔ wonti ne wonsa nyinaa te nesuo
Apatafoɔ kita kita ebi mu na wobɛ pue mu ha a wontumi nka wo nisuo nhyɛ
Nanso yɛde no kakra kakra saa abɛ pue amansan asieɛ
Abusua panin adi anim nson nkɔ neɛ nson wɔ na nɔteɛ nsoso nkɔ neɛ nɔteɛ wɔ
Na yɛde Agya Sei adaka tea bɛtwere mua adaka na ɛsensɛn amena yi ani yi
Amena no antu ansi neɛ ɔbɔ amena no anyɛ nadwuma yie yɛɛpɛ nakyire akwan nsosoa yɛnhu no
Ɛfɛm nso ayɛden nti no wode adeɛ bɔ a ɛnbɔ
Na yɛde Agya Sei san yakyi nsoso akɔ fie nsoa ɛnyɛ yie
Nti yɛde no bɛ fenfɛm mu saa na yagya nehɔ ako fie ma npɛtɛ bɛ sosɔ no a wosɔso no
Ma nfɔteɛ be di ne nam nsosoa wadi adie sɛ ɛbɛ die a nie

Adofo abɛboa ma yayɛ ayie won'a wobɛtwa wo'nanse atwa na won'a wobɛbɔ nsawa nso abɔ
Obaapa Akosua Minta sɛ okura ne nsɛm sika cedi aduenum
Abusua ngyeɛ na wɔnfa nte wokaso bi waya adeɛ monpene no ɛ ɛɛ

Agya Sei ayie akyi no abusua ne ɛma hyia buu ka
Wogya akyire akunafoɔ meɛnsa ekyremma du
Na na obiaa nde noka na emom na ɔde nipa bebree ka
Ansana obɛtwa nani na afee nso ayie no yɛɛ ka
Nanso emma se wasɔ won'adeɛ mu

Credits
from Onipa Akoma, released October 22, 2017
Written & Performed by Bernard Nana Appiah
Produced by Michael Twistedwavex Dzitrinu
Additional Vocals by Louisah Fagla
Recorded & Mixed at Cosdo Studios - Fagla Road, Madina - Accra, Ghana
LicenseAll rights reserved.
Tags
Recommendations